1 John 2

Kristo, yɛn boafo

1Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. 2Na Kristo no ankasa ne ɔkwan a yɛfa so nya yɛn bɔne fafiri na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.

3Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no.

4Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu. 5Na obiara a otie nʼasɛm no yɛ obi a nokwarem, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no yɛ pɛ. Eyi na ɛma yɛte yɛn ho ase sɛ yɛte Onyankopɔn mu. 6Ɛsɛ sɛ obiara a ɔka se ɔte Onyankopɔn mu no tena ase sɛ Yesu Kristo pɛpɛɛpɛ.

Mmara foforo

7Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfitiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw. 8Nanso, mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na emu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.

9Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu. 10Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne. 11Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ efisɛ, esum no afura nʼani.

12Me mma, merekyerɛw mo efisɛ, esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne afiri mo. 13Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ, munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ, moadi ɔbonsam so.

14Mma, merekyerɛw mo, efisɛ, munim Agya no. Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ, munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ mowɔ ahoɔden. Onyankopɔn asɛm no te mo mu na moadi ɔbonsam so.

15Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. 16Biribiara a ɛyɛ wiase de, nea bɔne hwehwɛ, nea nnipa hunu na wɔpɛ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase. 17Wiase ne mu nneɛma a ɛwɔ mu a nnipa hwehwɛ no retwam, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.

Kristo atamfo

18Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn. 19Nokwarem, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ sɛnea wobehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.

20Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no. 21Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma.

22Afei, hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. 23Na nea ɔpo Ɔba no po Agya no; nea ogye Ɔba no, gye Agya no nso.

24Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfitiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa. 25Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no.

26Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho. 27Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.

28Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no. 29Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.

Copyright information for TwiNAK